1 Samuel 26:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa asɛm yi nyɛ koraa! Meka ntam wɔ Awurade din mu sɛ, wo ne wo mmarima no nyinaa sɛ owuo, ɛfiri sɛ, moantumi ammɔ mo wura, deɛ Awurade asra noɔ no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no pea ne ne sukuruwa a na ɛsi ne tiri ho no wɔ he?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Asɛm a woadie yi nyɛ. Sɛ AWURADE te aseɛ yi, mosɛ wuo, sɛ moanwɛn mo wura a AWURADE asra no no. Na afei, hwɛ deɛ ɔhene pea ne nsuo kuruwa a ɛsisi n’atifi no wɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Asɛm a woadie yi nyɛ. Sɛ AWURADE te aseɛ yi, mosɛ wuo, sɛ moanwɛn mo wura a AWURADE asra no no. Na afei, hwɛ deɛ ɔhene pea ne nsuo kuruwa a ɛsisi n’atifi no wɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Asɛm a woadi yi nye. Sɛ AWURADE te ase yi, mosɛ owu, sɛ moanwɛn mo wura a AWURADE asra no no. Na afei, hwɛ nea ɔhene peaw ne nsu kuruwa a esisi n’atifi no wɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa asɛm yi nye koraa! Meka ntam wɔ Awurade din mu sɛ, wo ne wo mmarima no nyinaa sɛ owu, efisɛ moantumi ammɔ mo wura, nea Awurade asra no no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no peaw ne ne sukuruwa a na esi ne ti ho no wɔ he?”