1 Samuel 26:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnna Saulo kaa nokorɛ sɛ, “Mayɛ bɔne. Sane bra fie, me ba na merenha wo bio, ɛfiri sɛ ɛnnɛ, woama me nkwa asom wo bo. Mayɛ nkwaseadeɛ na mafom yie.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Saulo kaa sɛ: Mayɛ bɔne, sane bra, me ba Dawid, na merenyɛ wo bɔne bio, ɛfiri sɛ me kra boɔ ayɛ den w’ani so nnɛ da yi. Hwɛ, madi nkwaseasɛm na mafom bebree pa ara.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Saulo kaa sɛ: Mayɛ bɔne, sane bra, me ba Dawid, na merenyɛ wo bɔne bio, ɛfiri sɛ me kra boɔ ayɛ den w’ani so nnɛ da yi. Hwɛ, madi nkwaseasɛm na mafom bebree pa ara.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Saul kae sɛ: Mayɛ bɔne, san bra, me ba Dawid, na merenyɛ wo bɔne bio, efisɛ me kra bo ayɛ den w’ani so nnɛ da yi. Hwɛ, madi nkwaseasɛm na mafom so bebree pa ara.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei Saulo kae se, “Mayɛ bɔne. San bra fie, me ba Dawid. Efisɛ nnɛ, woama me nkwa asom wo bo. Merenhaw wo bio. Mayɛ nkwaseade na mafom yiye.”