1 Samuel 26:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Dawid ne Abisai kɔɔ asraafoɔ no nkyɛn anadwo, kɔtoo Saulo sɛ wada wɔ atenaeɛ no mu a, ɔde ne pea apoma fam wɔ ne tiri ho pɛɛ. Na Abner ne asraafoɔ no nso atwa ne ho ahyia a wɔadeda.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid ne Abisai kɔɔ ɛdɔm no nkyɛn anadwo, na hwɛ Saulo da hɔ ada, nteaseɛnam aboaeɛ hɔ, na ne pea si fam wɔ n’atifi. Na Abner ne dɔm no deda ne ho hyia.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid ne Abisai kɔɔ ɛdɔm no nkyɛn anadwo, na hwɛ Saulo da hɔ ada, nteaseɛnam aboaeɛ hɔ, na ne pea si fam wɔ n’atifi. Na Abner ne dɔm no deda ne ho hyia.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid ne Abisai kɔɔ dɔm no nkyɛn anadwo, na hwɛ Saul da hɔ ada, nteaseɛnam aboae hɔ, na ne peaw si fam wɔ n’atifi. Na Abner ne dɔm no deda ne ho hyia.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Dawid ne Abisai kɔɔ asraafo no nkyɛn anadwo, kɔtoo Saulo sɛ wada wɔ atenae hɔ a, ɔde ne peaw atim fam wɔ ne ti ho pɛɛ. Na Abner ne asraafo no nso atwa ne ho ahyia a wɔadeda.