1 Samuel 27:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ, “Sɛ ɛrenha wo a, ma yɛn baabi wɔ nkuro no bi so na yɛnkɔtena hɔ sene sɛ yɛbɛtena ahenkuro yi mu.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Sɛ manya w’anim animuonyam a, ma wɔmma me tenabea bi wiram nkuro no bi mu, na menkɔtena hɔ: Na adɛn nti na w’akoa ne wo ntena ahenkuro mu?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Sɛ manya w’anim adom a, ma wɔmma me tenabea bi wiram nkuro no bi mu, na menkɔtena hɔ: Na adɛn nti na w’akoa ne wo ntena ahenkuro mu?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Sɛ manya w’anim anuonyam a, ma wɔmma me tenabea bi wuram nkurow no bi mu, na menkɔtena hɔ: Na ɛdɛn nti na w’akoa ne wo ntena ahenkurow mu?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Dawid ka kyerɛɛ Akis se, “Sɛ ɛrenhaw wo a, ma yɛn baabi wɔ nkurow no bi so na yɛnkɔtena hɔ sen sɛ yɛbɛtena ahenkurow yi mu.”