1 Samuel 28:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro. Ɛdeɛbɛn na wohunu?” Ɔbaa no buaa sɛ, “Mehunu honhom bi sɛ apue afiri fam reba.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro! Na ɛdeɛn na wohunu? Na ɔbaa no se: Onyame bi na mehunu sɛ ɔfiri asase mu reforo ba.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro! Na ɛdeɛn na wohunu? Na ɔbaa no se: Onyame bi na mehunu sɛ ɔfiri asase mu reforo ba.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro! Na ɛdɛn na wuhu? Na ɔbea no se: Onyame bi na mihu sɛ ofi asase mu reforo aba.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Nsuro. Dɛn na wuhu?” Ɔbea no buae se, “Mihu honhom bi sɛ apue afi fam reba.”