1 Samuel 28:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Saulo sesaa ne ho, hyɛɛ ntadeɛ afoforɔ nsakyeramu bi a ɛnyɛ ɔhene afadeɛ, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbaa no nkyɛn anadwo. Saulo kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ me ne obi a wawu kasa. Wobɛtumi afrɛ ne sunsum ama me anaa?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Saulo sakyeraa ne ho hyɛɛ atadeɛ foforɔ, na ɔsii mu kɔeɛ a na nnipa baanu ka ne ho, na wɔduruu ɔbaa no nkyɛn anadwo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa ɔsamanfrɛ so hyɛ me nkɔm, na ma deɛ mɛbɔ ne din makyerɛ woɔ no mforo mmra mma me.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Saulo sakyeraa ne ho hyɛɛ atadeɛ foforɔ, na ɔsii mu kɔeɛ a na nnipa baanu ka ne ho, na wɔduruu ɔbaa no nkyɛn anadwo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa ɔsamanfrɛ so hyɛ me nkɔm, na ma deɛ mɛbɔ ne din makyerɛ woɔ no mforo mmra mma me.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Saul sakraa ne ho hyɛɛ atade foforo, na osiim kɔe, ɔno ne nnipa baanu a wɔka ne ho, na woduu ɔbea no nkyɛn anadwo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa ɔsamanfrɛ so hyɛ me nkɔm, na ma nea mɛbɔ ne din makyerɛ wo no mforo mmra mma me.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Saulo hyɛɛ ntade afoforo a ɛnyɛ ɔhene afade, sakraa ne ho, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbea no nkyɛn anadwo. Saulo kae se, “Ɛsɛ sɛ me ne obi a wawu kasa. Wubetumi afrɛ ne honhom ama me ana?”