1 Samuel 29:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Filistifoɔ asahene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na Hebrifoɔ yi reyɛ wɔ ha?” Akis buaa sɛ, “Ɔyi ne Dawid, ɔbarima a ɔdwane firii Israelhene Saulo anim no. Waba me nkyɛn ha ne me abɛtena bɛboro afe nie. Na ɛfiri ɛberɛ a ɔgyaa Saulo hɔ bɛsi ɛnnɛ yi, menhunuu ne ho mfomsoɔ biara.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Filistifoɔ asafohene no kaa sɛ: Na Hebrifoɔ yi ɛ? Na Akis ka kyerɛɛ Filistifoɔ asafohene no sɛ: Ɛnyɛ Dawid, Israelhene Saulo akoa a ɔne me atena nna sɛɛ anaa mfeɛ sɛɛ yi a menhunuu ne ho bɔne biara firi da a ɔwaeeɛ de bɛsi nnɛ no nie?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Filistifoɔ asafohene no kaa sɛ: Na Hebrifoɔ yi ɛ? Na Akis ka kyerɛɛ Filistifoɔ asafohene no sɛ: Ɛnyɛ Dawid, Israelhene Saulo akoa a ɔne me atena nna sɛɛ anaa mfeɛ sɛɛ yi a menhunuu ne ho bɔne biara firi da a ɔwaeeɛ de bɛsi nnɛ no nie?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Filistifo asafohene no kae sɛ: Na Hebrifo yi ɛ? Na Akis ka kyerɛɛ Filistifo asafohene no sɛ: Ɛnyɛ Dawid, Israel hene Saul akoa a ɔne me atena nna sɛɛ anaa mfe sɛɛ yi a minhuu ne ho bɔne bi fi da a ɔwaee de besi nnɛ no ni?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Filistifo asahene no bisae se, “Dɛn na Hebrifo yi reyɛ wɔ ha?” Akis buae se, “Oyi ne Dawid, ɔbarima a oguan fii Israelhene Saulo anim no. Waba me nkyɛn ha ne me abɛtena bɛboro afe ni. Na efi bere a ogyaw Saulo hɔ besi nnɛ yi, minhuu ne ho mfomso biara.”