1 Samuel 3:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Merebɛyɛ deɛ maka atia Eli ne nʼabusuafoɔ no nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Da no na mɛma adeɛ a maka atia Eli fie nyinaa agyina firi mfitiaseɛ de kɔsi awieeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Da no, na mɛma adeɛ a maka atia Eli fie nyinaa aba mu firi mfitiaseɛ de kɔsi awieeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Da no na mɛma ade a maka atia Eli fi nyinaa aba mu fi mfiase de kosi awiei.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Merebɛyɛ nea maka atia Eli ne nʼabusuafo no nyinaa.