1 Samuel 30:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Misraimni no dii wɔn anim kɔɔ Amalekfoɔ no atenaeɛ. Ɛberɛ a Dawid ne ne mmarima no duruu hɔ no, na Amalekfoɔ no ahwete wɔ ɛserɛ no so a wɔredidi nom na wɔde ahosɛpɛ resa, ɛfiri sɛ, na wɔanya asadeɛ bebree afiri Filistifoɔ nkyɛn ne Yuda asase so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔde no siane kɔeɛ; na hwɛ, asadeɛ bebrebe a wɔakɔfa no Filistifoɔ asase soɔ ne Yuda asase soɔ no nti, wɔboaboa fam hɔ nyinaa redidi na wɔrenom na wɔresa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔde no siane kɔeɛ; na hwɛ, asadeɛ bebrebe a wɔakɔfa no Filistifoɔ asase soɔ ne Yuda asase soɔ no nti, wɔboaboa fam hɔ nyinaa a na wɔredidi na wɔrenom na wɔresa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔde no sian kɔe; na hwɛ, asade bebree a wɔakɔfa Filistifo asase so ne Yuda asase so no nti, wɔboaboa fam hɔ nyinaa redidi na wɔrenom na wɔresaw.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Misraimni no dii wɔn anim kɔɔ Amalekfo no atenae. Bere a Dawid ne ne mmarima no duu hɔ no, na Amalekfo no ahwete wɔ sare no so a wɔredidi nom na wɔde ahosɛpɛw resaw, efisɛ na wɔanya asade bebree afi Filistifo nkyɛn ne Yuda asase so.