1 Samuel 30:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Dawid ne ne mmarima no hunuu sɛdeɛ Siklag asɛeɛ ne asɛm a ato wɔn abusuafoɔ no,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid ne ne mmarima no duruu kuro no mu no, na hwɛ, wɔde ogya ahye, na wɔn yerenom ne wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa no, wɔafa wɔn nnommum kɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid ne ne mmarima no duruu kuro no mu no, na hwɛ, wɔde ogya ahye, na wɔn yerenom ne wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa no, wɔafa wɔn nnommum kɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid ne ne mmarima no duu kurow no mu no, na hwɛ, wɔde gya ahyew, na wɔn yerenom ne wɔn mmammarima ne wɔn mmabea no, wɔafa wɔn nnommum kɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Dawid ne ne mmarima no huu sɛnea Siklag asɛe ne asɛm a ato wɔn abusuafo no,