1 Samuel 31:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a nʼakodeɛkurafoɔ no hunuu sɛ wawuo no, ɔno nso sinaa ne ho wɔ nʼankasa akofena no so, na ɔwu daa ne ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na n’akodeɛkurani no hunuu sɛ Saulo awuo no, ɔno nso hwee ne nkrantɛ so saa ara, na ɔne no wui.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na n’akodeɛkurani no hunuu sɛ Saulo awuo no, ɔno nso hwee ne nkrantɛ so saa ara, na ɔne no wui.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na n’akodekurafo no hui sɛ Saul awu no, ɔno nso hwee ne nkrante so saa ara, na ɔne no wui.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a nʼakodekurafo no huu sɛ wawu no, ɔno nso sinaa ne ho wɔ nʼankasa afoa no so, na owu kaa ne ho.