1 Samuel 4:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Filistifoɔ no koo anibereɛ so, dii Israelfoɔ no so bio. Wɔn a wɔkunkumm wɔn no dɔɔso. Israelfoɔ ɔpeduasa na wɔkunkumm wɔn ɛda no. Wɔn a wɔnyaa wɔn ti didii mu no dwane kɔɔ wɔn ntomadan mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Filistifoɔ no koeɛ, na Israel dii nkoguo, na wɔn nyinaa dwanedwane kɔɔ wɔn ntomadan mu. Na ɛyɛɛ okunkɛseɛ sɛ, na Israel mu nnipa a wɔnam anammɔn mu mpem aduasa totɔeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Filistifoɔ no koeɛ, na Israel dii nkoguo, na wɔn nyinaa dwanedwane kɔɔ wɔn ntomadan mu. Na ɛyɛɛ okunkɛseɛ sɛ, na Israel mu nnipa a wɔnam anammɔn mu mpem aduasa totɔeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Filistifo no koe, na Israel dii nkogu, na wɔn nyinaa guanguan kokɔɔ wɔn ntamadan mu; na ɛyɛɛ okunkɛse sɛ, na Israel mu nnipa a wɔnam anammɔn mu ɔpeduasa totɔe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Filistifo no koe anibere so, dii Israelfo no so bio. Wɔn a wokunkum wɔn no dɔɔso. Israelfo mpem aduasa na wokunkum wɔn da no. Wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no guan kɔɔ wɔn ntamadan mu.