1 Samuel 4:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛberɛ no na nʼase baa a ɔyɛ Pinehas yere nyem a ɔreyɛ awoɔ. Ɔtee sɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no, na nʼase ne ne kunu awuwuo no, awoɔ kaa no amonom hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na n’ase, Pinehas yere, anyinsɛn a n’awoɔ reyɛ adu. Na ɔtee nsɛm no sɛ wɔafa Nyankopɔn adaka, na n’ase ne ne kunu awuwuo no, ɔkoto woe, na n’awoko yea kutaa no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na n’ase, Pinehas yere, anyinsɛn a n’awoɔ reyɛ adu. Na ɔtee nsɛm no sɛ wɔafa Nyankopɔn adaka, na n’ase ne ne kunu awuwuo no, ɔkoto woe, na n’awoko yea kutaa no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ne sew, Pinehas yere, anyinsɛn na n’awo bere reyɛ adu. Na ɔtee asɛm no sɛ wɔafa Onyankopɔn adaka no, na n’ase ne ne kunu awuwu no, awoko yaw patu kaa no, na ɔkotow woe amonom hɔ ara, na yaw dodow no nti, owui.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa bere no na nʼasebea a ɔyɛ Pinehas yere anyinsɛn a ɔreyɛ awo. Ɔtee sɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no, na nʼase ne ne kunu awuwu no, awo kaa no amono mu hɔ ara.