1 Samuel 4:2 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Filistifoɔ no to hyɛɛ Israelfoɔ akodɔm no so, dii wɔn so nkonim, na wɔkumm nnipa mpemnan.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Filistifoɔ no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛe, na Israel dii nkoguo Filistifoɔ no anim, na wɔkumm mpasua no so nnipa bɛyɛ mpemnan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Filistifoɔ no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛe, na Israel dii nkoguo Filistifoɔ no anim, na wɔkumm mpasua no so nnipa bɛyɛ mpemnan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Filistifo no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛwee, na Israelfo dii nkogu Filistifo no anim, na wokum wɔn mu nnipa bɛyɛ mpemnan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Filistifo no tow hyɛɛ Israelfo nsraadɔm no so, dii wɔn so nkonim, na wokum nnipa mpem anan.