1 Samuel 5:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, ɛberɛ a adeɛ kyeeɛ a Asdod kuro mma no kɔhwɛeɛ no, na Dagon ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butu fam. Enti, wɔmaa ohoni no so gyinaa hɔ bio.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na adeɛ kyeeɛ no, Asdodfoɔ sɔree anɔpatutu, na hwɛ, na Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na adeɛ kyeeɛ no, Asdodfoɔ sɔree anɔpatutu, na hwɛ, na Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ade kyee a Asdodfo sɔree anɔpatutu no, hwɛ na, Dagon ahwe ase a n’anim butuw fam, wɔ AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso ade kyee a Asdod kurowmma no kɔhwɛe no, na Dagon ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butuw fam. Enti wɔmaa ohoni no so gyinaa hɔ bio.