1 Samuel 6:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, anantwie no de su faa tempɔn a ɛkɔ Bet-Semes no so tee. Filistifoɔ sodifoɔ dii wɔn akyi ara kɔsii Bet-Semes hyeɛ so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na anantwie no faa kwan tee kɔɔ Bet-semes kwan so; wɔnam ɔtempɔn koro so, na wɔrekorɔ no na wɔde su, na wɔammane ankɔ nifa anaa benkum; na Filistifoɔ asafohene no dii wɔn akyi kɔduruu Bet-semes hyeɛ so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na anantwie no faa kwan tee kɔɔ Bet-semes kwan so; wɔnam ɔtempɔn koro so, na wɔrekorɔ no na wɔresu, na wɔammane ankɔ nifa anaa benkum; na Filistifoɔ asafohene no dii wɔn akyi kɔduruu Bet-semes hyeɛ so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na anantwi no faa ɔkwan tee kɔɔ Bet-semes kwan so; wɔnam ɔtempɔn koro so, na wɔrekɔ no na wɔde su, na wɔamman ankɔ nifa anaa benkum; na Filistifo asafohene no dii wɔn akyi koduu Bet-semes hye so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, anantwi no de su faa ɔtempɔn a ɛkɔ Bet-Semes no so tee. Filistifo asodifo dii wɔn akyi ara kosii Bet-Semes hye so.