1 Samuel 6:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛberɛ no, na Bet-Semesfoɔ retwa wɔn atokoɔ wɔ bɔnhwa no mu. Enti, wɔpagyaa wɔn ani hunuu Adaka no, wɔdii ahurisie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nso na Bet-semesfoɔ retwa wɔn ayuo bonhwa mu; na wɔmemaa wɔn ani so hunuu adaka no, na ne hunu no yɛɛ wɔn anigyeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nso na Bet-semesfoɔ retwa wɔn ayuo bonhwa mu; na wɔmemaa wɔn ani so hunuu adaka no, na ne hunu no yɛɛ wɔn anigyeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nso na Bet-semesfo retwa wɔn awi obon bi mu; na wɔmomaa wɔn ani so huu adaka no, na ne hu no yɛɛ wɔn anigye.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa bere no, na Bet-Semesfo retwa wɔn atoko wɔ obon no mu. Enti wɔpagyaw wɔn ani huu Adaka no, wodii ahurusi.