1 Samuel 7:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afe biara, na ɔtu kwan kyinkyini bu atɛn wɔ nʼasɛnniiɛ. Ɔfiri aseɛ wɔ Bet-El de kɔ Gilgal na wawie wɔ Mispa. Ɔbuu Israelfoɔ atɛn wɔ saa nkurotoɔ yi biara so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afe afe biara na ɔkyini kɔ Betel ne Gilgal ne Mispa, na ɔbu Israel nyinaa atɛn nkuro yi nyinaa mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afe afe biara na ɔkyini kɔ Betel ne Gilgal ne Mispa, na ɔbu Israel nyinaa atɛn nkuro yi nyinaa mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afe biara afe okyin kɔ Betel ne Gilgal ne Mispa, na ɔyɛ ɔkannifo wɔ nkurow yi nyinaa mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afe biara, na otu kwan kyinkyin bu atɛn wɔ nʼasennii. Ofi ase wɔ Bet-El de kɔ Gilgal na wawie wɔ Mispa. Obuu Israelfo atɛn wɔ saa nkurow yi biara so.