1 Samuel 7:2 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Apam Adaka no kyɛree yie wɔ Kiriat-Yearim. Ɛdii mfirinhyia aduonu wɔ hɔ. Saa ɛberɛ no Israel nyinaa twaa agyaadwoɔ, ɛfiri sɛ na ayɛ sɛ Awurade agya wɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na adaka no baa Kiriat-yearim no, ɛkyɛree wɔ hɔ; ɛdii mfirinhyia aduonu. Na Israel fie nyinaa dii abooboo hwehwɛɛ AWURADE akyiri kwan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na adaka no baa Kiriat-yearim no, ɛkyɛree wɔ hɔ; ɛdii mfirinhyia aduonu. Na Israel fie nyinaa dii abooboo hwehwɛɛ AWURADE akyiri kwan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na adaka no baa Kiriat-yearim no, ɛkyɛe wɔ hɔ; edii mfirihyia aduonu. Na Israel fi nyinaa dii nkɔmmɔ hwehwɛɛ AWURADE akyi kwan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Apam Adaka no kyɛe yiye wɔ Kiriat-Yearim. Edii mfirihyia aduonu wɔ hɔ. Saa bere no Israel nyinaa twaa agyaadwo, efisɛ na ayɛ sɛ Awurade agyaw wɔn.