1 Samuel 8:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔbɛgye mo mfuo ne mo bobe mfuo ne mo ngo mfuo a ɛyɛ no afiri mo nsam, na ɔde ama ɔno ankasa nʼasomfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbɛfa mo mfuo ne mo bobe nturo mu deɛ ɛyɛ de ama ne nkoa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbɛfa mo mfuo ne mo bobe nturo mu deɛ ɛyɛ de ama ne nkoa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔbɛfa mo mfuw ne mo bobe nturo mu nea eye de ama n’asomfo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obegye mo mfuw ne mo bobe mfuw ne mo ngo mfuw a eye no afi mo nsam, na ɔde ama ɔno ankasa nʼasomfo.