1 Samuel 9:2 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ne babarima Saulo ho yɛ fɛ yie sene obiara wɔ Israel. Na ɔware sene obiara firi nʼabati kɔsi ne tiri so wɔ asase no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saulo, aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ. Na Israelfoɔ mu biara nsene no ahoɔfɛ. Ɛfiri ne mmatiri so rekorɔ no, ɔware sene obiara, ɔman no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saulo, aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ. Na Israelfoɔ mu biara nsene no ahoɔfɛ. Ɛfiri ne mmatiri so rekorɔ no, ɔware sene obiara, ɔman no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saul; aberante no ho yɛ fɛ, Israelfo mu de obiara nsen no ahoɔfɛ. Efi ne mmati rekɔ no, ɔware sen obiara, ɔman no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ne babarima Saulo ho yɛ fɛ yiye sen obiara wɔ Israel. Na ɔware sen obiara fi ne mmati kosi ne ti so wɔ asase no so.