1 Samuel 9:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Manya adwene bi, Onyame onipa bi te kuro yi mu a wɔbu no yie. Na asɛm biara a ɔbɛka nso ba mu. Ma yɛnkɔ ne hɔ seesei ara, ebia ɔbɛtumi akyerɛ yɛn baabi a ɛsɛ sɛ yɛfa.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nanso ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Nyankopɔn nipa bi wɔ kuro yi mu, na ɔyɛ onipa a n’anim yɛ nyam, deɛ ɔka nyinaa ba mu. Ma yɛnkɔ hɔ, ebia ɔbɛka yɛn ɔkwan a yɛrekorɔ yi ho asɛm bi akyerɛ yɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nanso ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Nyankopɔn nipa bi wɔ kuro yi mu, na ɔyɛ onipa a n’anim yɛ nyam, deɛ ɔka nyinaa ba mu. Ma yɛnkɔ hɔ, ebia ɔbɛka yɛn ɔkwan a yɛrekorɔ yi ho asɛm bi akyerɛ yɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Onyankopɔn nipa bi wɔ kurow yi mu, ɔyɛ onipa a n’anim yɛ nyam, nea ɔka nyinaa ba mu; ma yɛnkɔ hɔ, ebia ɔbɛka yɛn ɔkwan a yɛrekɔ yi ho asɛm bi akyerɛ yɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso ɔsomfo no buae se, “Manya adwene bi, Onyame nipa bi te kurow yi mu a wobu no yiye. Na asɛm biara a ɔbɛka nso ba mu. Ma yɛnkɔ ne hɔ mprempren ara, ebia obetumi akyerɛ yɛn faako a ɛsɛ sɛ yɛfa.”