1 Thessalonians 2:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa nnipa no kumm Awurade Yesu ne adiyifoɔ no, na wɔtaa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn, na wɔne nnipa di asi ɛberɛ biara.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔn na wɔkumm Awurade Yesu ne adiyifoɔ no, na wɔtaa yɛn pamm yɛn, nso wɔnsɔ Nyankopɔn ani, na wɔne nnipa nyinaa di asie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔn na wɔkumm Awurade Yesu ne adiyifoɔ no, na wɔtaa yɛn pamm yɛn, nso wɔnsɔ Nyankopɔn ani, na wɔne nnipa nyinaa di asie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔn na wokum Awurade Yesu ne adiyifo no, na wɔtaa yɛn pam yɛn, nso wɔnsɔ Onyankopɔn ani, na wɔne nnipa nyinaa di asi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
wokum Awurade Yesu ne adiyifo no de taa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn, na wɔne nnipa di asi bere biara.