1 Thessalonians 4:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade nkyerɛkyerɛ a yɛreka akyerɛ mo no ne sɛ, ɛda a Awurade bɛba no, yɛn a yɛte ase yi renni awufoɔ no anim ɛkan.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yei deɛ, yɛnam Awurade asɛm mu na yɛka kyerɛ mo sɛ, yɛn a yɛtete aseɛ na yɛretena ase akɔsi Awurade ba mu no rensiane wɔn a wɔadeda no ho,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yei deɛ, yɛnam Awurade asɛm mu na yɛka kyerɛ mo sɛ, yɛn a yɛtete aseɛ na yɛretena ase akɔsi Awurade ba mu no rensiane wɔn a wɔadeda no ho,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na yɛn de, yɛnam Awurade asɛm mu na yɛka kyerɛ mo sɛ, yɛn a yɛtete ase na yɛretena ase akosi Awurade ba mu no rensan wɔn a wɔadeda no ho,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade nkyerɛkyerɛ a yɛreka akyerɛ mo no ne se, da a Awurade bɛba no, yɛn a yɛte ase yi renni awufo no anim kan.