2 Chronicles 1:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kilikia, ɛfiri sɛ, na ɔhene adwadifoɔ no nya no yie wɔ Kilikia.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kue. Kue na na ɔhene adwadifoɔ no tɔ wɔn tua ka.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kue. Kue na na ɔhene adwadifoɔ no tɔ wɔn tua ka.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Solomon apɔnkɔ a wɔde fi Misraim ba no de, ɔhene aguadifo asafo na wɔkɔtotɔ apɔnkɔkuw sɛ wɔn bo te de ba.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Salomo tɔɔ apɔnkɔ fii Misraim ne Kilikia, efisɛ na ɔhene no aguadifo nya wɔn fi Kilikia a wɔn bo no ye.