2 Chronicles 1:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Hur nana a ɔyɛ Uri babarima Besaleel siiɛ no da so wɔ Gibeon, wɔ Awurade Asɔredan no anim. Enti, Salomo ne nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ hɔ, bisaa Awurade akwankyerɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Hur ba Uri ba Besalel yɛeɛ no si AWURADE tenabea no anim hɔ, na Salomo ne badwa no kɔhwehwɛɛ AWURADE akyire kwan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Hur ba Uri ba Besalel yɛeɛ no si AWURADE tenabea no anim hɔ, na Salomo ne badwa no kɔhwehwɛɛ AWURADE akyiri kwan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na kɔbere afɔremuka a Hur ba Uri ba Besalel yɛe no si AWURADE tenabea no anim hɔ, na Solomon ne bagua no kɔhwehwɛɛ akyi kwan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso na kɔbere mfrafrae afɔremuka a Hur nena a ɔyɛ Uri babarima Besaleel sii no da so wɔ Gibeon, wɔ Awurade Asɔredan no anim. Enti Salomo ne nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ hɔ, bisaa Awurade akwankyerɛ.