2 Chronicles 1:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Hyiadan no anim hɔ, Salomo foro kɔɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho wɔ Awurade anim, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ apem wɔ so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim ahyiaeɛ ntomadan no anim no so, na ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ apem.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim ahyiaeɛ ntomadan no anim no so, na ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ apem.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Solomon bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ hɔ, kɔbere afɔremuka a esi AWURADE anim ahyiae ntamadan no anim no so, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre apem.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Hyiadan no anim hɔ, Salomo foro kɔɔ kɔbere mfrafrae afɔremuka no ho wɔ Awurade anim, bɔɔ ɔhyew afɔre ahorow apem wɔ so.