2 Chronicles 10:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Aane, na mʼagya yɛ den wɔ mo so, nanso me deɛ, mɛyɛ deɛ ɛkyɛn saa. Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ mede anyanyankyerɛ bɛkeka mo.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ, m’agya de kɔnnua duruduro soaa mo a, me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ, m’agya de kɔnnua duruduro soaa mo a, me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei, m’agya de kɔndua duruduru soaa mo, na me de, mɛto mo kɔndua no so, m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me de, mede nkekantwɛre na mɛhwe mo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yiw, na mʼagya yɛ den wɔ mo so, nanso me de, mɛyɛ nea ɛkyɛn saa. Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me de, mede nkekantwɛre na ɛbɛhwe mo.”