2 Chronicles 10:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Israel hunuu sɛ ɔhene no anyɛ wɔn abisadeɛ amma wɔn no, wɔteateaam sɛ, “Dawid ne nʼadedie ntoasoɔ no mfa wɔn ho. Yɛne Yisai babarima no nni twaka biara. Israel, momma yɛnkɔ yɛn afie. Ao Dawid, kɔhwehwɛ wʼankasa wo fie.” Enti, Israel nyinaa sane kɔɔ efie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene no antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene no sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ no Dawid mu? Na yɛnni agyapadeɛ biara nso Yisai ba no mu. O Israel, monkɔ mo afie! Afei, Dawid, hwɛ wo ara wo fie so. Ɛnna Israel nyinaa sii mu kɔɔ wɔn afie mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene no antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene no sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ no Dawid mu? Na yɛnni agyapadeɛ biara nso Yisai ba no mu. O Israel, monkɔ mo afie! Afei, Dawid, hwɛ wo ara wo fie so. Ɛnna Israel nyinaa sii mu kɔɔ wɔn afie mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Israel nyinaa hui sɛ ɔhene no antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene no sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ Dawid mu? Nanso yenni agyapade bi Yese ba no mu. Israel, monkokɔ mo afi mu! Afei, Dawid, hwɛ w’ankasa wo fi. Ɛnna Israel nyinaa siim kokɔɔ wɔn afi mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Israel huu sɛ ɔhene no anyɛ wɔn abisade amma wɔn no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Dawid ne nʼadedi ntoaso no mfa wɔn ho. Yɛne Yisai babarima no nni twaka biara. Israel, momma yɛnkɔ yɛn afi. Dawid, kɔhwehwɛ wʼankasa wo fi.” Enti Israel nyinaa san kɔɔ fie.