2 Chronicles 12:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Akyire no, ɔhene Rehoboam de kɔbere mfrafraeɛ akokyɛm sii anan, na ɔde hyɛɛ wɔn a wɔwɛn no no panin nsa sɛ ɔnhwɛ so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyehyɛɛ awɛmfoɔ a wɔwɛn ɔhene fie pono ano no asafohene no nsa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyehyɛɛ awɛmfoɔ a wɔwɛn ɔhene fie pono ano no asafohene no nsa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyehyɛɛ awɛmfo a wɔwɛn ɔhene fi pon ano no asafohene no nsa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Akyiri no, ɔhene Rehoboam de kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfi awɛmfo nsa sɛ wɔnhwɛ so.