2 Chronicles 12:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene Rehoboam timiiɛ wɔ Yerusalem, na ɔtoaa so dii ɔhene. Ɛberɛ a ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduanan baako. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem, kuropɔn a Awurade ayi afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɛhɔ na wɔbɛhyɛ ne din animuonyam. Na Rehoboam maame din de Naama a ɔfiri Amon.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ɔhene Rehoboam hyɛɛ ne ho den wɔ Yerusalem, na ɔdii hene. Na ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduanan baako, na ɔdii hene mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem a ɛne kuro a AWURADE yii Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ɔhene Rehoboam hyɛɛ ne ho den wɔ Yerusalem, na ɔdii hene. Na ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduanan baako, na ɔdii hene mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem a ɛne kuro a AWURADE yii Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene Rehoboam hyɛɛ ne ho den Yerusalem, na odii hene. Na obedii hene no, na wadi mfe aduanan biako, na odii hene mfirihyia dunsɔn Yerusalem a ɛne kurow a AWURADE yii Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene Rehoboam timii wɔ Yerusalem, na ɔtoaa so dii hene. Bere a odii ade no, na wadi mfirihyia aduanan baako. Na odii ade mfirihyia dunson wɔ Yerusalem, kuropɔn a Awurade ayi afi Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɛhɔ na wɔbɛhyɛ ne din anuonyam no. Na Rehoboam na din de Naama a ofi Amon.