2 Chronicles 12:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔatwerɛ Rehoboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ no a ɛfiri ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no wɔ odiyifoɔ Semaia nwoma ne nhunumuni Ido nwoma a ɛyɛ awoɔ ntoatoasoɔ nwoma no fa bi mu. Ɛberɛ biara, na akokoakoko wɔ Rehoboam ne Yeroboam ntam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Rehoboam ho nsɛm, kane deɛ ne akyire yi deɛ nso, wɔantwerɛ no Odiyifoɔ Semaia ne ɔdehunufoɔ Ido nsɛm mu antoatoa so? Na akodie daa Rehoboam ne Yeroboam ntam nna nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Rehoboam ho nsɛm, kane deɛ ne akyire yi deɛ nso, wɔantwerɛ no Odiyifoɔ Semaia ne ɔdehunufoɔ Ido nsɛm mu antoatoa so? Na akodie daa Rehoboam ne Yeroboam ntam nna nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Rehoboam ho nsɛm, kan de ne akyiri de nso, so wɔankyerɛw odiyifo Semaia ne ɔdehwɛfo Ido nsɛm mu antoatoa so? Na dɔmdi daa Rehoboam ne Yeroboam ntam nna nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔankyerɛw Rehoboam ahenni ho nsɛm nkae no a efi mfiase kosi awiei no wɔ odiyifo Semaia nhoma ne nhumuni Ido nhoma a ɛyɛ awo ntoatoaso nhoma no fa bi mu ana? Bere biara, na akokoakoko wɔ Rehoboam ne Yeroboam ntam.