2 Chronicles 13:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Na yɛn deɛ, Awurade ne yɛn Onyankopɔn, na yɛnnyaa no da. Aaron asefoɔ nko ara na wɔsom Awurade sɛ asɔfoɔ, na Lewifoɔ nko ara na wɔtumi boa wɔn wɔ wɔn dwumadie mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yɛn deɛ, AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, na yɛnnyaa no, na asɔfoɔ a wɔsom AWURADE no yɛ Aaron mma, na Lewifoɔ no kura wɔn adwuma mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yɛn deɛ, AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, na yɛnnyaa no, na asɔfoɔ a wɔsom AWURADE no yɛ Aaron mma, na Lewifoɔ no kura wɔn adwuma mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na yɛn de, AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, na yennyaw no ɛ, na asɔfo a wɔsom AWURADE no yɛ Aaron mma, na Lewifo no kura wɔn adwuma mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Na yɛn de, Awurade ne yɛn Nyankopɔn, na yennyaa no da. Aaron asefo nko ara na wɔsom Awurade sɛ asɔfo, na Lewifo nko ara na wotumi boa wɔn wɔ wɔn dwumadi mu.