2 Chronicles 13:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Woapam Awurade asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, na woahyɛ wʼankasa asɔfoɔ te sɛ abosomman no pɛ. Ɛnnɛ yi, woma obiara bɛyɛ ɔsɔfoɔ. Obiara a ɔde nantwie ba ne nnwennini nson bɛba sɛ wɔnnyina so nhyɛ no ɔsɔfoɔ no, ɔtumi bɛyɛ ɔsɔfoɔ ma saa mo anyame no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Montutuu AWURADE asɔfoɔ, Aaron mma no ne Lewifoɔ no na monyɛɛ asɔfoɔ mfaeɛ sɛ nsase so aman no? Obiara a ɔde nantwinini ba, anaa adwennini nson ba sɛ ɔrebɛdwira ne ho no bɛyɛ ɔsɔfoɔ ma deɛ ɛnyɛ anyame.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Montutuu AWURADE asɔfoɔ, Aaron mma no ne Lewifoɔ no na monyɛɛ asɔfoɔ mfaeɛ sɛ nsase so aman no? Obiara a ɔde nantwinini ba, anaa adwennini nson ba sɛ ɔrebɛdwira ne ho no bɛyɛ ɔsɔfoɔ ma deɛ ɛnyɛ anyame.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
So muntutuu AWURADE asɔfo, Aaron mma no ne Lewifo no, na moayɛ asɔfo afa sɛ nsaase so aman no? Obiara a ɔba sɛ wonnye n’antwiforo ne adwennini ason mfa asɔfodi nhyɛ ne nsa no na wayɛ ɔsɔfo ama nea ɛnyɛ Onyankopɔn no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Woapam Awurade asɔfo ne Lewifo no, na woahyɛ wʼankasa asɔfo te sɛ abosomman no pɛ. Nnɛ yi, woma obiara bɛyɛ ɔsɔfo. Obiara a ɔde nantwi ba ne adwennini ason bɛba sɛ wonnyina so nhyɛ no sɔfo no, otumi bɛyɛ ɔsɔfo ma saa mo anyame no.