2 Chronicles 14:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asa sane bubuu abosonnan ne nnuhwam afɔrebukyia firii Yuda nkuro nyinaa mu. Ɛno enti, wɔnyaa asomdwoeɛ wɔ Asa ahennie mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔyiyii Yuda nkuro nyinaa so sorɔnsorɔmmea ne nnuhwam afɔremmukyia no. Na ahennie no mu dwoe wɔ n’ase.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔyiyii Yuda nkuro nyinaa so sorɔnsorɔmmea ne nnuhwam afɔremmukyia no. Na ahennie no mu dwoe wɔ n’ase.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na oyiyii Yuda nkurow nyinaa so sorɔnsorɔmmea ne owia ahoni no. Na n’ahenni no mu dwoe wɔ n’ase.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asa san bubuu abosonnan ne nnuhuam afɔremuka fii Yuda nkurow nyinaa mu. Ɛno nti, wonyaa asomdwoe wɔ Asa ahenni mu.