2 Chronicles 14:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asa ka kyerɛɛ Yudafoɔ sɛ, “Momma yɛnkyekyere nkuro, na yɛntwa afasuo mfa ho, mfa mmɔ ho ban. Yɛbɛyɛ abantenten, asisi apono, ayɛ nnadeban nso. Asase no yɛ yɛn dea, ɛfiri sɛ, yɛbisaa Awurade yɛn Onyankopɔn, na wama yɛn ahomegyeɛ wɔ yɛn atamfoɔ nsam.” Enti, wɔkɔɔ so yɛɛ saa nnwuma yi de baa awieeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: Momma yɛnkyekyere nkuro yi, na yɛmfa ɔfasuo ne aban atentene, apono ne adaban ntwa ho nhyia. Asase yi da so da yɛn anim, ɛfiri sɛ yɛahwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn. Yɛahwehwɛ no, na wama yɛn ɔhome afa nyinaa ahyia. Na wɔkyekyeree, na ɛsii wɔn yie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: Momma yɛnkyekyere nkuro yi, na yɛmfa ɔfasuo ne aban atentene, apono ne adaban ntwa ho nhyia. Asase yi da so da yɛn anim, ɛfiri sɛ yɛahwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn. Yɛahwehwɛ no, na wama yɛn ɔhome afa nyinaa ahyia. Na wɔkyekyeree, na ɛsii wɔn yie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: Momma yɛnkyekye nkurow yi, na yɛmfa ɔfasu ne aban atenten, apon ne adaban ntwa ho nhyia. Asase yi da so da yɛn anim, efisɛ yɛahwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn. Yɛahwehwɛ no, na wama yɛn ɔhome afa nyinaa ahyia. Na wɔkyekyee, na esii wɔn yiye.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asa ka kyerɛɛ Yudafo se, “Momma yɛnkyekye nkurow, na yentwa afasu mfa ho mfa mmɔ ho ban. Yɛbɛyɛ abantenten, asisi apon, ayɛ nnadeban nso. Asase no yɛ yɛn dea, efisɛ yɛsrɛɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, na wama yɛn ahomegye wɔ yɛn atamfo nsam.” Enti wɔkɔɔ so yɛɛ saa nnwuma yi de baa awiei.