2 Chronicles 15:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Asa tee saa asɛm yi firii odiyifoɔ Oded babarima Asaria nkyɛn no, ɔnyaa akokoɔduru, yiyii ahoni a ɛwɔ Yuda asase so ne Benyamin nyinaa ne nkuro a wako afa a ɛwowɔ Efraim bepɔ nsase so no. Ɔsiesiee Awurade afɔrebukyia a na ɛsi Awurade Asɔredan ntwonoo anim no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Asa tee nsɛm yi ne Odiyifoɔ Oded adiyie no, ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔyii atantanneɛ no firii Yuda ne Benyamin asase nyinaa so, ne nkuro a ɔgyee no Efraim bepɔ soɔ no mu, na ɔyɛɛ AWURADE afɔrebukyia a ɛwɔ AWURADE ntwonoowa no anim no foforɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Asa tee nsɛm yi ne Odiyifoɔ Oded adiyie no, ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔyii atantanneɛ no firii Yuda ne Benyamin asase nyinaa so, ne nkuro a ɔgyee no Efraim bepɔ soɔ no mu, na ɔyɛɛ AWURADE afɔrebukyia a ɛwɔ AWURADE ntwonoowa no anim no foforɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Asa tee nsɛm yi ne odiyifo Oded adiyi no, ɔhyɛɛ ne ho den, na oyii atantanne no fii Yuda ne Benyamin asase nyinaa so ne nkurow a ogyei Efraim bepɔw so no mu, na ɔyɛɛ AWURADE afɔremuka a ɛwɔ AWURADE ntwironoa no anim no foforo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Asa tee saa asɛm yi fii odiyifo Asaria nkyɛn no, onyaa akokoduru, yiyii ahoni a ɛwɔ Yuda asase so ne Benyamin nyinaa ne nkurow a wako afa a ɛwowɔ Efraim bepɔw nsase so no so. Osiesiee Awurade afɔremuka a na esi Awurade Asɔredan ntwironoo anim no.