2 Chronicles 15:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Asa frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa. Ɔfrɛɛ nnipa a wɔfiri Efraim, Manase ne Simeon a wɔabɛtena wɔn mu no nso. Bebree tutu kɔtenaa Yuda wɔ Ɔhene Asa berɛ so, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ Awurade ne Onyankopɔn ka ne ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔboaa Yuda ne Benyamin nyinaa ne ahɔhoɔ a wɔfiri Efraim ne Manase ne Simeon, ba bɛkaa wɔn ho no ano hyiae, na wɔhunuu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyire nti, nnipa pii wae firii Israel baa ne fam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔboaa Yuda ne Benyamin nyinaa ne ahɔhoɔ a wɔfiri Efraim ne Manase ne Simeon, ba bɛkaa wɔn ho no ano hyiae, na wɔhunuu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyire nti, nnipa pii wae firii Israel baa ne fam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔboaa Yuda ne Benyamin nyinaa ne ahɔho a wofi Efraim ne Manase ne Simeon bae bɛkaa wɔn ho no ano hyiae, na wohui sɛ AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyi nti, nnipa pii wae fii Israel baa ne fam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Asa frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa. Ɔfrɛɛ nnipa a wofi Efraim, Manase ne Simeon a wɔabɛtena wɔn mu no nso. Bebree tutu kɔtenaa Yuda wɔ Ɔhene Asa bere so, efisɛ wohuu sɛ Awurade, ne Nyankopɔn, ka ne ho.