2 Chronicles 17:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔgyinaa agyanom mmusuakuo so gyee asraafoɔ. Yuda abusua mu, na akodɔm no dodoɔ yɛ ɔpehasa (300,000) a wɔakyekyɛ wɔn mu akuakuo apem (1,000). Adna na na ɔyɛ wɔn sahene.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn dodoɔ sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ nie: Yuda mu mpem mpem so asafohene ne: Ɔsafohene Adna, na mmarima a wɔtumi wɔn ho mpemahasa ka ne ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn dodoɔ sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ nie: Yuda mu mpem mpem so asafohene ne: Ɔsafohene Adna, na mmarima a wɔtumi wɔn ho mpemahasa ka ne ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔn nkanee sɛ wɔn mpanyimfi te ni: Yuda mu mpem so asafohene ne: Ɔsafohene Adna, na mmarima a wotumi ɔpehasa ka ne ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wogyinaa agyanom mmusuakuw so gyee asraafo. Yuda abusua mu, na asraafodɔm no dodow yɛ mpem ahaasa (300,000) a wɔakyekyɛ wɔn mu akuwakuw apem (1,000). Adna na na ɔyɛ wɔn so sahene.