2 Chronicles 18:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnadeɛ yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfoɔ yi ama wɔawuwu!”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Kenaana ba Sedekia yɛɛ dadeɛ mmɛn, na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Yeinom na wode bɛbobɔ Siriafoɔ no de akɔsi sɛ wɔbɛwie wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Kenaana ba Sedekia yɛɛ dadeɛ mmɛn, na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Yeinom na wode bɛbobɔ Siriafoɔ no de akɔsi sɛ wɔbɛwie wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Kenaana ba, Sedekia yɛɛ dade mmɛn, na ɔkae sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Eyinom na wode bɛko Siriafo no de akosi sɛ wobewie wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnade yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi se, “Sɛnea Awurade se ni: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfo yi ama wɔawuwu!”