2 Chronicles 18:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Mikaia bɛduruu ɔhene Ahab anim no, ɔbisaa no sɛ, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?” Mikaia buaa sɛ, “Monkɔko! Ɛbɛyɛ nkonimdie a ɛho wɔ nyam.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mikaia, yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ mennyae? Na ɔse: Monkɔ na monkɔdi nim, na wɔde bɛhyɛ mo nsa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mikaia, yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ mennyae? Na ɔse: Monkɔ na monkɔdi nim, na wɔde bɛhyɛ mo nsa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mikaia, so yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ yennyae? Na ose: Monkɔ na munkodi nim, na wɔde bɛhyɛ mo nsa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Mikaia beduu ɔhene Ahab anim no, obisaa no se, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnkɔ?” Mikaia buae se, “Monkɔko! Ɛbɛyɛ nkonimdi a ɛho wɔ nyam.”