2 Chronicles 18:26 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Monka saa asɛm a ɛfiri ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduane biara sɛ burodo ne nsuo, kɔsi sɛ mɛfiri akono aba asomdwoeɛ mu.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na monka sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Momfa oyi nkɔto nneduadan mu, na momma no ahohiahia aduane nni, ne ahohiahia nsuo nnom nkɔsi sɛ mɛba no dwoodwoo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na monka sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Momfa oyi nkɔto nneduadan mu, na momma no ahohiahia aduane nni, ne ahohiahia nsuo nnom nkɔsi sɛ mɛba no dwoodwoo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na monka sɛ: Sɛ ɔhene se ni: Momfa oyi nkɔto nneduadan mu, na momma no ahohia aduan nni ne ahohia nsu nnom nkosi sɛ mɛba no dwoodwoo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Monka saa asɛm a efi ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn se, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduan biara sɛ brodo ne nsu, kosi sɛ mefi akono bɛba asomdwoe mu.’ ”