2 Chronicles 19:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ biara a asɛm bi a ɛfiri mo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkurotoɔ yi so bɛba mo anim no, sɛ ɛyɛ awudie anaa Onyankopɔn mmara anaa nʼahyɛdeɛ so buo no, mommɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnyɛ bɔne ntia Awurade, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabufuo mma mo ne wɔn so. Monyɛ saa, na morenni fɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Asɛm biara a ɛba mo anim a ɛfiri mo nuanom a wɔtete wɔn nkuro mu, na ɛyɛ mogya ne mogya ntam asɛm, anaa mmara ne ɛmom, ahyɛdeɛ ne atemmuo ntam asɛm no, monkyerɛkyerɛ wɔn mu, na wɔanni fɔ wɔ AWURADE anim, na abufuo amma mo ne mo nuanom so; monyɛ saa, na morenni fɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Asɛm biara a ɛba mo anim a ɛfiri mo nuanom a wɔtete wɔn nkuro mu, na ɛyɛ mogya ne mogya ntam asɛm, anaa mmara ne ɛmom, ahyɛdeɛ ne atemmuo ntam asɛm no, monkyerɛkyerɛ wɔn mu, na wɔanni fɔ wɔ AWURADE anim, na abufuo amma mo ne mo nuanom so; monyɛ saa, na morenni fɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔham asɛm biara a ɛba mo nkyɛn a efi mo nuanom a wɔtete wɔn nkurow mu na ɛyɛ mogya ne mogya ntam asɛm anaa mmara ne ɛmom, ahyɛde ne atemmu ntam asɛm no, monkyerɛkyerɛ wɔn mu, na wɔanni AWURADE anim so, na abufuw amma mo ne mo nuanom so; monyɛ sa, na morenni so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere biara a asɛm bi a efi mo nkurɔfo a wɔwɔ nkurow yi so bɛba mo anim no, sɛ ɛyɛ awudi anaa Onyankopɔn mmara anaa nʼahyɛde sobu no, mommɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnyɛ bɔne ntia Awurade, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabufuw remma mo ne wɔn so. Monyɛ saa, na morenni fɔ.