2 Chronicles 19:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Yehosafat yii Lewifoɔ, asɔfoɔ ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Israel no ma wɔsomm sɛ atemmufoɔ wɔ Yerusalem. Na wɔdi Awurade mmara mu nsɛm ne efie ntawantawa nsɛm nso.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yerusalem nso, Yehosafat de Lewifoɔ ne asɔfoɔ ne Israel agyanom atitire no mu binom sisii AWURADE atemmuo ne asennie so. Na wɔn atenaeɛ ne Yerusalem.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yerusalem nso, Yehosafat de Lewifoɔ ne asɔfoɔ ne Israel agyanom atitire no mu binom sisii AWURADE atemmuo ne asennie so. Na wɔn atenaeɛ ne Yerusalem.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yerusalem nso, Yehosafat de Lewifo ne asɔfo ne Israel agyanom atitiriw no mu binom sisii AWURADE atemmu ne asɛnni so. Na wɔsan baa Yerusalem.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Yehosafat yii Lewifo, asɔfo ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Israel no ma wɔsom sɛ atemmufo wɔ Yerusalem. Na wodi Awurade mmara mu nsɛm ne ofie ntawntaw nsɛm nso.