2 Chronicles 2:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnna ɔhene Huram twerɛɛ saa mmuaeɛ yi de kɔmaa Salomo: “Esiane sɛ Awurade dɔ ne nkurɔfoɔ enti na ɔde wo asi wɔn so ɔhene.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Tirohene Huram twerɛɛ nwoma brɛɛ Salomo sɛ: Ɔdɔ a AWURADE dɔ ne man nti na ɔde wo asi wɔn so hene.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Tirohene Huram twerɛɛ nwoma brɛɛ Salomo sɛ: Ɔdɔ a AWURADE dɔ ne man nti na ɔde wo asi wɔn so hene.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Tiro hene Huram kae nhoma a ɔde brɛɛ Solomon no mu sɛ: Ɔdɔ a AWURADE dɔ ne man nti na ɔde wo asi wɔn so hene.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnna ɔhene Huram kyerɛw saa mmuae yi de kɔmaa Salomo: “Esiane sɛ Awurade dɔ ne nkurɔfo nti na ɔde wo asi wɔn so hene.