2 Chronicles 2:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Merebɛsi Asɔredan ahyɛ Awurade, me Onyankopɔn din animuonyam. Ɛbɛyɛ beaeɛ bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhye nnuhwam ne kurobo wɔ nʼanim, nna afɔrebɔdeɛ burodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ homeda biara, anɔpa ne anwummerɛ, Ɔbosome Foforɔ biara afahyɛ ahodoɔ ne Awurade yɛn Onyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
hwɛ, me nso merebɛsi efie mama AWURADE me Nyankopɔn din, na ayɛ kronkron ama no, na wɔahye aduhwam a ɛyɛ hwam n’anim, na wɔasiesie kyerɛ paanoo daa, na wɔabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ daa anɔpa ne anwummerɛ ne home nna ne abosome foforɔ ne AWURADE yɛn Nyankopɔn afahyɛ ase. Yei ne Israel amanneɛ de kɔsi daa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
hwɛ, me nso merebɛsi efie mama AWURADE me Nyankopɔn din, na ayɛ kronkron ama no, na wɔahye aduhwam a ɛyɛ hwam n’anim, na wɔasiesie kyerɛ paanoo daa, na wɔabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ daa anɔpa ne anwummerɛ ne home nna ne abosome foforɔ ne AWURADE yɛn Nyankopɔn afahyɛ ase. Yei ne Israel amanneɛ de kɔsi daa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
hwɛ, me nso merebesi ofi mama AWURADE me Nyankopɔn din, na ayɛ kronkron ama no, na wɔahyew aduhuam a ɛyɛ huam n’anim, na wɔasiesie Kyerɛ Abodoo daa, na wɔabɔ ɔhyew afɔre daa anɔpa ne anwummere ne home nna ne asram foforo ne AWURADE yɛn Nyankopɔn afahyɛ ase. Eyi ne Israel atɔremude de kosi daa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Merebesi Asɔredan ahyɛ Awurade, me Nyankopɔn din anuonyam. Ɛbɛyɛ baabi bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhyew nnuhuam ne kurobow wɔ nʼanim, nna afɔrebɔde brodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyew afɔre ahorow homeda biara, anɔpa ne anwummere, Ɔsram Foforo biara afahyɛ ahorow ne Awurade yɛn Nyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa.