2 Chronicles 2:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Enti, ma me odwumfoɔ a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a ɔbɛtumi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ adi adwini; obi a ɔnim sɛdeɛ wɔhyɛ ntoma aduro ma ɛyɛ bibire, kɔkɔɔ ne tuntum ma ɛyɛ fɛ yie ne nsemayifoɔ a wakwadare adwuma mu, a ɔne Yuda ne Yerusalem adwumfoɔ a mʼagya Dawid yii wɔn no bɛyɛ adwuma.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei soma ɔbarima nyansafoɔ bi brɛ me, na ɔmmɛdi sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, ntoma a ɛberedum, koogyan ne bibire mu adwini, na ɔnim nnua mu nsemayie nso, na ɔnka adwumfoɔ a wɔwɔ me nkyɛn Yuda ne Yerusalem a m’agya Dawid asiesie wɔn asie no ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei soma ɔbarima nyansafoɔ bi brɛ me, na ɔmmɛdi sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, ntoma a ɛberedum, koogyan ne bibire mu adwini, na ɔnim nnua mu nsemayie nso, na ɔnka adwumfoɔ a wɔwɔ me nkyɛn Yuda ne Yerusalem a m’agya Dawid asiesie wɔn asie no ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei soma ɔbarima nyansafo bi brɛ me, na ommedi sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dade ne ntama a ɛberedum ne adidi ne bibiri mu adwinni, na onim nnua mu nsamayi nso, na ɔnka adwumfo a wɔwɔ me nkyɛn Yuda ne Yerusalem a m’agya Dawid asiesie wɔn no ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Enti ma me odwumfo a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a obetumi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae ne nnade adi adwinni; obi a onim sɛnea wɔhyɛ ntama aduru ma ɛyɛ bibiri, kɔkɔɔ ne tuntum ma ɛyɛ fɛ yiye ne sika dwumfo a wakwadaw adwuma mu, a ɔne Yuda ne Yerusalem adwumfo a mʼagya Dawid yii wɔn no bɛyɛ adwuma.