2 Chronicles 20:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Na afei, hwɛ deɛ Amonfoɔ, Moabfoɔ ne Seir akodɔm reyɛ. Woamma yɛn agyanom anni saa aman no so nkonim wɔ ɛberɛ a Israel firii Misraim no, na mmom, wɔfaa wɔn ho a wɔansɛe wɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei, hwɛ, Amonfoɔ, Moab ne Seir bepɔ a woamma Israel kwan amma wɔankɔ wɔn soɔ, berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba no, na mmom wɔdane firii wɔn ho na wɔansɛe wɔn no,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei, hwɛ, Amonfoɔ, Moab ne Seir bepɔ a woamma Israel kwan amma wɔankɔ wɔn soɔ, berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba no, na mmom wɔdane firii wɔn ho na wɔansɛe wɔn no,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei, hwɛ, Amonfo ne Moab ne Seir bepɔw a woamma Israel kwan amma wɔankɔ wɔn so, bere a wofi Misraim asase so reba no, na mmom wɔdan fii wɔn ho na wɔansɛe wɔn no,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Na afei, hwɛ nea Amonfo, Moabfo ne Seir asraafodɔm reyɛ. Woamma yɛn agyanom anni saa aman no so nkonim bere a Israel fii Misraim no, na mmom, wɔfaa wɔn ho a wɔansɛe wɔn.