2 Chronicles 20:31 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Yehosafat dii ɔhene wɔ Yuda asase so. Ɛberɛ a ɔdii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduasa enum. Ɔtenaa Yerusalem dii ɔhene mfeɛ aduonu enum. Na ne maame din de Asuba a ɔyɛ Silhi babaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yehosafat dii Yuda so hene. Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduasa nnum, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nnum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi ba.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yehosafat dii Yuda so hene. Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduasa nnum, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nnum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi ba.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yehosafat dii Yuda so hene: Obedii hene no, na wadi mfe aduasa anum, na odii hene mfirihyia aduonu anum Yerusalem. Na ne na din de Asuba, Silhi ba.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Yehosafat dii hene wɔ Yuda asase so. Bere a odii hene no, na wadi mfe aduasa anum. Ɔtenaa Yerusalem dii hene mfe aduonu anum. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi babea.