2 Chronicles 20:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔkaa sɛ, ‘Sɛ ɔhaw bi te sɛ ɔko, yadeɛ anaa ɛkɔm bi to yɛn a, yɛbɛtumi aba wʼanim wɔ saa Asɔredan yi mu, baabi a wɔahyɛ wo din animuonyam no. Yɛbɛtumi asu afrɛ wo sɛ, gye yɛn nkwa, na wobɛtie yɛn, agye yɛn.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ bɔne bi, sɛ afena, atemmuo anaa ɔyaredɔm, sɛ ɛkɔm ba yɛn so a, yɛbɛba abɛgyina efie yi anim ne w’anim, ɛfiri sɛ wo din wɔ efie yi mu, na yɛafiri yɛn amanehunu mu asu afrɛ wo, na woatie yɛn agye yɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ bɔne bi, sɛ afena, atemmuo anaa ɔyaredɔm, sɛ ɛkɔm ba yɛn so a, yɛbɛba abɛgyina efie yi anim ne w’anim, ɛfiri sɛ wo din wɔ efie yi mu, na yɛafiri yɛn amanehunu mu asu afrɛ wo, na woatie yɛn agye yɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ bɔne bi, afoa, atemmu anaa ɔyaredɔm sɛ ɔkɔm ba yɛn so a, yɛbɛba abegyina ofi yi anim ne w’anim, efisɛ wo din wɔ ofi yi mu, na yɛafi yɛn amanehunu mu asu afrɛ wo, na woatie yɛn agye yɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔkaa se, ‘Sɛ ɔhaw bi te sɛ ɔko, ɔyare anaa ɔkɔm bi to yɛn a, yebetumi aba wʼanim wɔ saa Asɔredan yi mu, baabi a wɔahyɛ wo din anuonyam no. Yebetumi asu afrɛ wo sɛ, gye yɛn nkwa, na wubetie yɛn, agye yɛn.’